Psalms 67

Aseda dwom

1Onyankopɔn, hu yɛn mmɔbɔ na hyira yɛn.
Fa wʼadɔe hwɛ yɛn,
2na ama wiase nyinaa ahu wo pɛ; na ama aman nyinaa ahu wo pɛ; na ama aman nyinaa ahu wo nkwagye.
3Ma adasamma nkamfo wo,
O Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo!
4Ma aman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛw nnwom efisɛ, wubuu nnipa atɛntrenee na wokyerɛɛ aman a ɛwɔ asase so kwan.
5Ma adasamma nkamfo wo,
O, Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo!
6Asase no abɔ nʼaduan;
Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ahyira yɛn.
7Onyankopɔn ahyira yɛn.
Nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa nhyɛ no anuonyam.
Copyright information for TwiNAK